🌐 Language
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBelarusianBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSanskritSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeUyghur tiliYorùbáÍslenskaČeštinaБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎हरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Bible No Ka Ho Asɛm Fa Mmɔborɔhunu Ho? — Ɛtena Ase Mu · KJV Kyerɛwsɛm a Strong's Nɔma Ka Ho — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Bible No Ka Ho Asɛm Fa Mmɔborɔhunu Ho? — Ɛtena Ase Mu · KJV Kyerɛwsɛm a Strong's Nɔma Ka Ho — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Mateo 9:27 — Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn ________!”
mmɔbɔ
yadeɛ
akyerɛ
Mateo 15:22 — Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho ________ no.”
atɛn
yadeɛ
yera
2 Mose (Ɛksodɔs) 33:19 — Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ ________ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.
meyɛ
nsonsonoeɛ
odwennini
Yesaia 30:18 — Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. ________ ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
ahennwa
Nhyira
ɛserɛ
4 Mose (Numeri) 6:24 — “‘ Awurade ________ mo na ɔnhwɛ mo so.
abirekyie
sikakɔkɔɔ
nhyira
Yeremia 31:20 — Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa ________ tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ.
afɔdeɛ
kasa
nnwan
1 Ahemfo 3:26 — Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!” Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. ________ ne mu ma yɛn!”
Kyɛ
aman
asraafoɔ
Luka 15:20 — Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so ________ reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
akyirikyiri
afiase
kodoɔ
5 Mose (Deuteronomium) 7:9 — Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ________ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.
nnwuma
ahoni
ntoatoasoɔ
1 Ahemfo 8:23 — Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ________ awieeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛdeɛ nso.
ɛnni
tɛtrɛtɛ
atɛntenenee
Nnwom 89:33 — Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a ________ ma noɔ no na mɛkɔ so adi no nokorɛ.
meyɛ
amanehunu
nkwa
Nnwom 85:10 — Ɔdɔ ne ________ bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.
nokorɛdie
wʼadɔeɛ
komm
Nnwom 25:10 — Awurade ________ nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.
akwan
afɔdeɛ
nkyerɛkyerɛ
Filipifoɔ 2:1 — Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ ________ mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa?
kyekyere
soma
gya
1 Samuel 17:47 — Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa ________ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
akodeɛ
ɔtamfoɔ
poma
Nehemia 4:14 — Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo ________, mo mmusua ne mo afie.”
nkuraaseɛ
anwanwadeɛ
nnamfonom
Mateo 14:14 — Yesu firii ________ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.
afiase
kodoɔ
ɛserɛ
Marko 1:41 — Yesu hunuu ɔkwatani no ________, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
yadeɛ
mmɔbɔ
anidie
Luka 7:13 — Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “________ su!”
anidie
nisuo
Gyae
Yakobo 5:11 — Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate ________ boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
ɔbonsam
Noa
Hiob
Ɔsɛnkafoɔ 4:9 — Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so ________ a ɛsɔ ani:
awerɛhoɔ
akyɛdeɛ
mfasoɔ
1 Tesalonikafoɔ 5:11 — Esiane saa enti, monhyɛ mo ho ________ na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.
amane
nkuran
wɔtaa
Nnwom 100:5 — Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne ________ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
wʼadɔeɛ
nokorɛdie
komm
Nnwom 89:1 — Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo ________ adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
nokorɛdie
wʼadɔeɛ
komm
Luka 1:54 — Waboa nʼakoa Israel na ne ________ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
mmɔbɔ
yadeɛ
werɛ
Hebrifoɔ 4:16 — Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ________ a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.
atamfoɔ
nkyerɛkyerɛ
ahennwa
1 Yohane 2:2 — Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho ________ na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
mpata
akorɔmfoɔ
nsoromma
1 Yohane 4:10 — Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho ________.
asubɔ
mmuada
mpata
Nnwom 32:1 — ________ ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira
nsuo
afidie

← San Kɔ Adesua No So